ការបកប្រែអត្ថន័យគួរអាន - ការបកប្រែជាភាសាអាកានី - អាស្ហាន់តី - ហើរ៉ូន អុីស្មាអែល

លេខ​ទំព័រ:close

external-link copy
30 : 3

يَوۡمَ تَجِدُ كُلُّ نَفۡسٖ مَّا عَمِلَتۡ مِنۡ خَيۡرٖ مُّحۡضَرٗا وَمَا عَمِلَتۡ مِن سُوٓءٖ تَوَدُّ لَوۡ أَنَّ بَيۡنَهَا وَبَيۡنَهُۥٓ أَمَدَۢا بَعِيدٗاۗ وَيُحَذِّرُكُمُ ٱللَّهُ نَفۡسَهُۥۗ وَٱللَّهُ رَءُوفُۢ بِٱلۡعِبَادِ

Ɛda no a ͻkra biara behunu papa a ͻyͻeε ne bͻne a ͻyͻeε sε abεtͻ n’anim no, (saa Da no abͻneεfoͻ no) bεpε sε anka εkwan tenten bi bεda ͻne (ne dwumadi bͻne) no ntεm. Enti Nyankopͻn rebͻ mo kͻkͻ sԑ monyԑ Neho ahwԑyie. Onyankopͻn ne Mmͻborͻhunufoͻ a Ohu Nenkoa mmͻbͻ. info
التفاسير:

external-link copy
31 : 3

قُلۡ إِن كُنتُمۡ تُحِبُّونَ ٱللَّهَ فَٱتَّبِعُونِي يُحۡبِبۡكُمُ ٱللَّهُ وَيَغۡفِرۡ لَكُمۡ ذُنُوبَكُمۡۚ وَٱللَّهُ غَفُورٞ رَّحِيمٞ

(Nkͻmhyεni), ka sε; ‘’Sε mopε Nyankopͻn asεm a, εneε moni m’akyi. (Sε modi makyi a), Nyankopͻn bεpε moasεm na Ɔde mo bͻne akyε mo. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoɔ Hene. info
التفاسير:

external-link copy
32 : 3

قُلۡ أَطِيعُواْ ٱللَّهَ وَٱلرَّسُولَۖ فَإِن تَوَلَّوۡاْ فَإِنَّ ٱللَّهَ لَا يُحِبُّ ٱلۡكَٰفِرِينَ

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Monyε sotie ma Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no; nasε wͻ’dane wͻn akyi ma (Nokorε no a), εneε nokorε sε Onyankopͻn deε Ɔmpε boniayεfoͻ no asεm”. info
التفاسير:

external-link copy
33 : 3

۞ إِنَّ ٱللَّهَ ٱصۡطَفَىٰٓ ءَادَمَ وَنُوحٗا وَءَالَ إِبۡرَٰهِيمَ وَءَالَ عِمۡرَٰنَ عَلَى ٱلۡعَٰلَمِينَ

Nokorε sε, Nyankopͻn yii Adam, ne Noah ne Abraham asefoͻ ne Imraan asefoͻ maa wͻ’kyεn amansan no nyinaa. info
التفاسير:

external-link copy
34 : 3

ذُرِّيَّةَۢ بَعۡضُهَا مِنۢ بَعۡضٖۗ وَٱللَّهُ سَمِيعٌ عَلِيمٌ

(Wͻ’yε) awoͻ ntoatoasoͻ a wͻ’firi wͻn ho wͻn ho mu. Onyankopͻn ne Otiefoͻ, Onimdefoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
35 : 3

إِذۡ قَالَتِ ٱمۡرَأَتُ عِمۡرَٰنَ رَبِّ إِنِّي نَذَرۡتُ لَكَ مَا فِي بَطۡنِي مُحَرَّرٗا فَتَقَبَّلۡ مِنِّيٓۖ إِنَّكَ أَنتَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ

Kae εberε a Imraan yere (Hanna) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε, mede deε εwͻ meyafunu mu yi hyε Wo bͻ wͻ Wosom ho; enti gye me so, Nokorε sε, Wo ne (Mpaebͻ) Tiefoͻ no, Onimdefoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
36 : 3

فَلَمَّا وَضَعَتۡهَا قَالَتۡ رَبِّ إِنِّي وَضَعۡتُهَآ أُنثَىٰ وَٱللَّهُ أَعۡلَمُ بِمَا وَضَعَتۡ وَلَيۡسَ ٱلذَّكَرُ كَٱلۡأُنثَىٰۖ وَإِنِّي سَمَّيۡتُهَا مَرۡيَمَ وَإِنِّيٓ أُعِيذُهَا بِكَ وَذُرِّيَّتَهَا مِنَ ٱلشَّيۡطَٰنِ ٱلرَّجِيمِ

Enti εberε a ͻwoo no, ͻkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, mawo no (na ͻyε) ͻbaa. Onyankopͻn Nim deε wawo no no yie; ͻbarima ntesε ͻbaa; na m’ato ne din sε: “Mar’yam, na mehwehwε Wohͻ ntwitwagyeε ama ͻne n’asefoͻ wͻ ͻbonsam a y’adome no anaa yato no atwene no nsam”. info
التفاسير:

external-link copy
37 : 3

فَتَقَبَّلَهَا رَبُّهَا بِقَبُولٍ حَسَنٖ وَأَنۢبَتَهَا نَبَاتًا حَسَنٗا وَكَفَّلَهَا زَكَرِيَّاۖ كُلَّمَا دَخَلَ عَلَيۡهَا زَكَرِيَّا ٱلۡمِحۡرَابَ وَجَدَ عِندَهَا رِزۡقٗاۖ قَالَ يَٰمَرۡيَمُ أَنَّىٰ لَكِ هَٰذَاۖ قَالَتۡ هُوَ مِنۡ عِندِ ٱللَّهِۖ إِنَّ ٱللَّهَ يَرۡزُقُ مَن يَشَآءُ بِغَيۡرِ حِسَابٍ

Enti ne Wura Nyankopͻn tiee no tie pa, εna Ɔmaa no nyinii nyin pa; εna Ɔde no maa Zakariya hwεε no soͻ. Ԑberε biara a (Zakariya) bεkͻ nehͻ wͻ pie (a εwͻ Nyamedan no mu) hͻ (akͻhwε) no no obehunu sε akͻnhoma wͻ nenkyεn. (Zakariya) bisaa sε: “Mar’yam, wonyaa woi wͻ hen?” Ɔkaa sε: “Woi firi Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε, Nyankopͻn na Ɔkyε obi a Ɔpε adeε a enni ano, (anaasε akontabuo biara nni ho). info
التفاسير: