ការបកប្រែអត្ថន័យគួរអាន - ការបកប្រែជាភាសាអាកានី - អាស្ហាន់តី - ហើរ៉ូន អុីស្មាអែល

លេខ​ទំព័រ:close

external-link copy
231 : 2

وَإِذَا طَلَّقۡتُمُ ٱلنِّسَآءَ فَبَلَغۡنَ أَجَلَهُنَّ فَأَمۡسِكُوهُنَّ بِمَعۡرُوفٍ أَوۡ سَرِّحُوهُنَّ بِمَعۡرُوفٖۚ وَلَا تُمۡسِكُوهُنَّ ضِرَارٗا لِّتَعۡتَدُواْۚ وَمَن يَفۡعَلۡ ذَٰلِكَ فَقَدۡ ظَلَمَ نَفۡسَهُۥۚ وَلَا تَتَّخِذُوٓاْ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ هُزُوٗاۚ وَٱذۡكُرُواْ نِعۡمَتَ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡ وَمَآ أَنزَلَ عَلَيۡكُم مِّنَ ٱلۡكِتَٰبِ وَٱلۡحِكۡمَةِ يَعِظُكُم بِهِۦۚ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٞ

Sε mogyae mmaa no na wͻn (Idda) berε no reyε aso, (na sε mosan pε wͻn a), monsͻ wͻn mu ͻkwan pa so, (sε mompε wͻn so a), monyae wͻn wͻ ayεmyε mu; na (mo mmoa pa) nnye wͻn sε moreha wͻn na monnkͻto mmara. Obi a ͻbεyε saa no nokorε sε wasisi ͻno ara ne ho. Na monhwε yie na moanfa Nyankopͻn nsεm no anni fεw, na monkae Nyankopͻn adom a εwͻ mo so ne deε yasiane ama mo wͻ Nwoma no mu ne Nyansa no a Ɔde retu mofoͻ no. Na monsuro Nyankopͻn na monhunu sε, Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
232 : 2

وَإِذَا طَلَّقۡتُمُ ٱلنِّسَآءَ فَبَلَغۡنَ أَجَلَهُنَّ فَلَا تَعۡضُلُوهُنَّ أَن يَنكِحۡنَ أَزۡوَٰجَهُنَّ إِذَا تَرَٰضَوۡاْ بَيۡنَهُم بِٱلۡمَعۡرُوفِۗ ذَٰلِكَ يُوعَظُ بِهِۦ مَن كَانَ مِنكُمۡ يُؤۡمِنُ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِۗ ذَٰلِكُمۡ أَزۡكَىٰ لَكُمۡ وَأَطۡهَرُۚ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ وَأَنتُمۡ لَا تَعۡلَمُونَ

Sε mogyae mmaa no na wͻn (Idda) berε (bosome mmiεnsa) no so a, monhwε na moansi wͻn kwan sε wͻ’ware wͻn kunu nom, sε wͻ’agye wͻn ho atom wͻ kwan pa so a. Woi na Nyankopͻn detu obi a ͻwͻ momu a w’agye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adie no foͻ. Woi na εyε nhyira ne kronkron dema mo. Onyankopͻn na Onim wͻ aberε a monnim. info
التفاسير:

external-link copy
233 : 2

۞ وَٱلۡوَٰلِدَٰتُ يُرۡضِعۡنَ أَوۡلَٰدَهُنَّ حَوۡلَيۡنِ كَامِلَيۡنِۖ لِمَنۡ أَرَادَ أَن يُتِمَّ ٱلرَّضَاعَةَۚ وَعَلَى ٱلۡمَوۡلُودِ لَهُۥ رِزۡقُهُنَّ وَكِسۡوَتُهُنَّ بِٱلۡمَعۡرُوفِۚ لَا تُكَلَّفُ نَفۡسٌ إِلَّا وُسۡعَهَاۚ لَا تُضَآرَّ وَٰلِدَةُۢ بِوَلَدِهَا وَلَا مَوۡلُودٞ لَّهُۥ بِوَلَدِهِۦۚ وَعَلَى ٱلۡوَارِثِ مِثۡلُ ذَٰلِكَۗ فَإِنۡ أَرَادَا فِصَالًا عَن تَرَاضٖ مِّنۡهُمَا وَتَشَاوُرٖ فَلَا جُنَاحَ عَلَيۡهِمَاۗ وَإِنۡ أَرَدتُّمۡ أَن تَسۡتَرۡضِعُوٓاْ أَوۡلَٰدَكُمۡ فَلَا جُنَاحَ عَلَيۡكُمۡ إِذَا سَلَّمۡتُم مَّآ ءَاتَيۡتُم بِٱلۡمَعۡرُوفِۗ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرٞ

Mmaa awofoͻ no mfa mfie mmienu nwie wͻn mma nufu ma; (woi) gyinahͻ ma obi a ͻpεsε owie nufu ma berε no. Mmaa no akͻnhoma, ne wͻn ataadehyε da agya no so wͻ nhyehyεε pa so. Yε’nnfa adesoa nnsoa ͻkra bi, gyesε deε n’ahoͻden betumi. Ɛnsεsε (agya) no ma maame no nya ͻhaw wͻ ne ba no ho, εna εnsεsε (maame no nso) ma agya no nya ͻhaw wͻ ne ba no ho, Saa ara nso na saa sodie yi da obi a ͻbedi adeε no nso soᴐ. Sε wͻn mmienu pε nufumafoᴐ na wͻ’dwene ho na wͻ’te wͻn ho ase a, bͻne biara nna wͻn so. Sε mopε sε mode mo mma ma mmaa nufumafoͻ a wͻ’bεtete wͻn a, εnyε bͻne ma mo, (deε ehia ne) sε mode wͻn akatua bεma wͻn wͻ kwan pa soͻ. Na monsuro Nyankopͻn na monhunu sε, nokorε, dwuma a modie no (nyinaa) Nyankopͻn ani tua. info
التفاسير: