क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अकानी अनुवाद - अशांति - हारून इसमाईल

पृष्ठ संख्या:close

external-link copy
91 : 6

وَمَا قَدَرُواْ ٱللَّهَ حَقَّ قَدۡرِهِۦٓ إِذۡ قَالُواْ مَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ عَلَىٰ بَشَرٖ مِّن شَيۡءٖۗ قُلۡ مَنۡ أَنزَلَ ٱلۡكِتَٰبَ ٱلَّذِي جَآءَ بِهِۦ مُوسَىٰ نُورٗا وَهُدٗى لِّلنَّاسِۖ تَجۡعَلُونَهُۥ قَرَاطِيسَ تُبۡدُونَهَا وَتُخۡفُونَ كَثِيرٗاۖ وَعُلِّمۡتُم مَّا لَمۡ تَعۡلَمُوٓاْ أَنتُمۡ وَلَآ ءَابَآؤُكُمۡۖ قُلِ ٱللَّهُۖ ثُمَّ ذَرۡهُمۡ فِي خَوۡضِهِمۡ يَلۡعَبُونَ

Wͻ’mmmfa anidie (anaa obuo, anaa tumi) a εfata paa mma Nyankopͻn wͻ nokorε mu sεdeε Netumi siteε, εberε a wͻ’ka sε: ‘’Nyankopͻn nsianee hwee mmaa ͻdasani“. Ka sε: “Hwan na osianee Nwoma no a Mose de baeε a, na εyε nhyerεnee ne kwankyerε dema adasamma a mo (Yudafoͻ) motwerεε no nkrataa a yakyekyε mu soͻ, daa (emu nsεm no bi) adie de dodoͻ no ara sieε; na mokyerεε adeε a mo, anaa moagyanom mpo nnim?” Ka sε: “Nyankopͻn. Enti wodeε gyae wͻn ma wͻ’nkeka wͻ’nsεm hunu no na wͻ’ni agorͻ. info
التفاسير:

external-link copy
92 : 6

وَهَٰذَا كِتَٰبٌ أَنزَلۡنَٰهُ مُبَارَكٞ مُّصَدِّقُ ٱلَّذِي بَيۡنَ يَدَيۡهِ وَلِتُنذِرَ أُمَّ ٱلۡقُرَىٰ وَمَنۡ حَوۡلَهَاۚ وَٱلَّذِينَ يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِ يُؤۡمِنُونَ بِهِۦۖ وَهُمۡ عَلَىٰ صَلَاتِهِمۡ يُحَافِظُونَ

Saa Nwoma yi (Qur’aan), Yε’de nhyira na asiane aba de bεhyε (Nwoma) a edii n’anim kan no mma, sԑdeԑ wode bԑbͻ Nkuro (nyinaa) maame (Maka) ne (nkuro) a atwa ho ahyia no (mufoͻ no) kͻkͻ. Wͻn a wͻ’gye Da a edi akyire no die no, gye (Quraan) di; wͻn ne wᴐn a wͻ’hwε wͻn Nyamefrε so yie no. info
التفاسير:

external-link copy
93 : 6

وَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًا أَوۡ قَالَ أُوحِيَ إِلَيَّ وَلَمۡ يُوحَ إِلَيۡهِ شَيۡءٞ وَمَن قَالَ سَأُنزِلُ مِثۡلَ مَآ أَنزَلَ ٱللَّهُۗ وَلَوۡ تَرَىٰٓ إِذِ ٱلظَّٰلِمُونَ فِي غَمَرَٰتِ ٱلۡمَوۡتِ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ بَاسِطُوٓاْ أَيۡدِيهِمۡ أَخۡرِجُوٓاْ أَنفُسَكُمُۖ ٱلۡيَوۡمَ تُجۡزَوۡنَ عَذَابَ ٱلۡهُونِ بِمَا كُنتُمۡ تَقُولُونَ عَلَى ٱللَّهِ غَيۡرَ ٱلۡحَقِّ وَكُنتُمۡ عَنۡ ءَايَٰتِهِۦ تَسۡتَكۡبِرُونَ

Hwan na ͻyε onipa bͻneni kyεn obi a otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaa ͻka sε: ”Y’ayi Adiyisεm ama me, wͻ aberε nso a yenyii Adiyisεm biara mmaa no; ne obia ͻka sε: “Mesiane deε Nyankopͻn asiane aba no sεso.” Sε (anka) worehunu εberε a abͻneεfoͻ no repre wͻ owuo ahometeε mu, na soro abͻfoͻ atene wͻnsa wͻ wͻn so reka akyerε wͻn sε, ‘’Monyi mokraa no ma; εnnε da yi yεde animguaseε asotwee na εbetua moka εnam nsεm a moka too Nyankopͻn so a na εnyε nokorε, na moyεε N’asεm ho ahomasoͻ nti”. info
التفاسير:

external-link copy
94 : 6

وَلَقَدۡ جِئۡتُمُونَا فُرَٰدَىٰ كَمَا خَلَقۡنَٰكُمۡ أَوَّلَ مَرَّةٖ وَتَرَكۡتُم مَّا خَوَّلۡنَٰكُمۡ وَرَآءَ ظُهُورِكُمۡۖ وَمَا نَرَىٰ مَعَكُمۡ شُفَعَآءَكُمُ ٱلَّذِينَ زَعَمۡتُمۡ أَنَّهُمۡ فِيكُمۡ شُرَكَٰٓؤُاْۚ لَقَد تَّقَطَّعَ بَيۡنَكُمۡ وَضَلَّ عَنكُم مَّا كُنتُمۡ تَزۡعُمُونَ

Ampa sε (monam) ankorͻ-ankotͻ (de nsansa a hwee nka mo ho) na aba Yεn hͻ sεdeε Ye’dii kan bͻͻ mo no, εna moagya deε Yε’de maa mo no (sika, εyerε, εmma, abusua, gyinaberε ne deε εkeka ho no nyinaa) wͻ moakyi. Na adεn na Ye’nnhu montwitwagyefoͻ no a na moadwen yε mo sε wͻ’ka Onyankopͻn ho no? Ampa sε mone wͻn ntεm twaka (biara) to atwa, na deε moadwen yε maa mo no (nyinaa) ayera. info
التفاسير: