Firo maanaaji al-quraan tedduɗo oo - Eggo e haala Akaana - Asanti - Haaruun Isma'iil

Tonngoode hello ngoo:close

external-link copy
107 : 10

وَإِن يَمۡسَسۡكَ ٱللَّهُ بِضُرّٖ فَلَا كَاشِفَ لَهُۥٓ إِلَّا هُوَۖ وَإِن يُرِدۡكَ بِخَيۡرٖ فَلَا رَآدَّ لِفَضۡلِهِۦۚ يُصِيبُ بِهِۦ مَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦۚ وَهُوَ ٱلۡغَفُورُ ٱلرَّحِيمُ

Sε Nyankopͻn de ͻhaw bi to wo so a, enni obi a ɔbɛtumu ayi afiri hͻ, gyesε Ɔno ara; na sε Ɔpε wo papa bi nso a, obiara nni hͻ a ͻbɛtumi adane N’adom no ani. Ɔma Nenkoa mu nea Ɔpε nsa ka (N’adom no), na Ɔne Bͻnefakyε Hene no, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no. info
التفاسير:

external-link copy
108 : 10

قُلۡ يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ قَدۡ جَآءَكُمُ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّكُمۡۖ فَمَنِ ٱهۡتَدَىٰ فَإِنَّمَا يَهۡتَدِي لِنَفۡسِهِۦۖ وَمَن ضَلَّ فَإِنَّمَا يَضِلُّ عَلَيۡهَاۖ وَمَآ أَنَا۠ عَلَيۡكُم بِوَكِيلٖ

Ka sε: “Adasamma, ampa sε Nokorε no firi mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ. Enti obi a ͻbεtene (afa kwan pa no soͻ) no, εneε ͻtene ma ͻno ara ne ho, na obi a ͻbεyera no nso ͻyera tia ͻno ara ne ho, na me deε mennyε mo so hwεfoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
109 : 10

وَٱتَّبِعۡ مَا يُوحَىٰٓ إِلَيۡكَ وَٱصۡبِرۡ حَتَّىٰ يَحۡكُمَ ٱللَّهُۚ وَهُوَ خَيۡرُ ٱلۡحَٰكِمِينَ

(Nkͻmhyεni), di deε yɛayi ama woͻ no akyi, na si aboterε kosi sε Nyankopͻn bɛbu atεn, na Ɔne Atemmufoͻ no mu Ɔtemmufo papa no. info
التفاسير: