আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল

Al-Bayyina

external-link copy
1 : 98

لَمۡ يَكُنِ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِنۡ أَهۡلِ ٱلۡكِتَٰبِ وَٱلۡمُشۡرِكِينَ مُنفَكِّينَ حَتَّىٰ تَأۡتِيَهُمُ ٱلۡبَيِّنَةُ

Wͻn a wapo nokorԑ a, wͻwͻ wͻn a yɛmaa wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu, ne abosomsomfoͻ no na wͻnntwe wͻn ho mfri (neyεε bͻne ho) kͻpem sε, nyinasoͻ pefee no baa wͻn hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 98

رَسُولٞ مِّنَ ٱللَّهِ يَتۡلُواْ صُحُفٗا مُّطَهَّرَةٗ

Ɔsomafoͻ a ɔfiri Nyankopͻn hͻ rekenkan Nwoma a emu nsεm korogyee (kyerε wͻn). info
التفاسير:

external-link copy
3 : 98

فِيهَا كُتُبٞ قَيِّمَةٞ

Emu na Nwoma (a mmara nsεm ne ntotoeε pa ne ahyεdeε a), edi mmu no wͻ. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 98

وَمَا تَفَرَّقَ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡكِتَٰبَ إِلَّا مِنۢ بَعۡدِ مَا جَآءَتۡهُمُ ٱلۡبَيِّنَةُ

Wͻn a yɛmaa wͻn Nyamesom ho Nwoma no na wͻn ntεm mpaapaee, kͻpem akyire yi a, nyinasoͻ ne nkyerεkyerε mu pefee no baa wͻn hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 98

وَمَآ أُمِرُوٓاْ إِلَّا لِيَعۡبُدُواْ ٱللَّهَ مُخۡلِصِينَ لَهُ ٱلدِّينَ حُنَفَآءَ وَيُقِيمُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَيُؤۡتُواْ ٱلزَّكَوٰةَۚ وَذَٰلِكَ دِينُ ٱلۡقَيِّمَةِ

Yanhyε wͻn (sε wͻn nyε hwee) na mmom (deε yεhyεε wͻn) ne sε wͻnsom Nyankopͻn wͻ nokorε die mu, na wᴐnfa ᴐsom ma Ͻno nko ara wͻ anidie ne nokorε mu, na wͻnfrε Nyame wͻ ne brε mu, na wͻnyi Zaka; na εno ne ԑkwan a ԑkᴐ ͻsom a εtene no soᴐ. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 98

إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِنۡ أَهۡلِ ٱلۡكِتَٰبِ وَٱلۡمُشۡرِكِينَ فِي نَارِ جَهَنَّمَ خَٰلِدِينَ فِيهَآۚ أُوْلَٰٓئِكَ هُمۡ شَرُّ ٱلۡبَرِيَّةِ

Nokorε sε, wͻn a wͻpo nokorԑ no a wͻwͻ wͻn a yɛmaa wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu, ne abosomsomfoͻ no bεkͻ Amanehunu gya mu. Wͻbεtena mu afe bͻͻ. Saa nkorͻfoͻ no ne abͻdeε bͻne no. info
التفاسير:

external-link copy
7 : 98

إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ أُوْلَٰٓئِكَ هُمۡ خَيۡرُ ٱلۡبَرِيَّةِ

Nokorε sε, wͻn a wɔagye adie na wͻdi dwuma pa no, saa nkorͻfoͻ no ne abͻdeε papa no. info
التفاسير:

external-link copy
8 : 98

جَزَآؤُهُمۡ عِندَ رَبِّهِمۡ جَنَّٰتُ عَدۡنٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَآ أَبَدٗاۖ رَّضِيَ ٱللَّهُ عَنۡهُمۡ وَرَضُواْ عَنۡهُۚ ذَٰلِكَ لِمَنۡ خَشِيَ رَبَّهُۥ

Wͻn akatua wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ; (εne) Aheman no a εwͻ hͻ daa a nsubͻnten nenam aseε no. Emu na wͻbεtena afe bͻͻ. Nyankopͻn agye wͻn atum, εna wͻn nso agye no atum. Saa akyεdeε (no) wͻ obi a osuro ne Wura Nyankopͻn. info
التفاسير: