আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল

Ad-Duhaa

external-link copy
1 : 93

وَٱلضُّحَىٰ

Mede Anͻpa-wia nhyerεnee no, info
التفاسير:

external-link copy
2 : 93

وَٱلَّيۡلِ إِذَا سَجَىٰ

Ne εberε a Anadwo ayε dinn no di nse sε: info
التفاسير:

external-link copy
3 : 93

مَا وَدَّعَكَ رَبُّكَ وَمَا قَلَىٰ

(Ɔkͻmhyεni), wo Wura Nyankopͻn mmpaa w’akyi, na N’ani nso nnyae wo ho gyeԑ. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 93

وَلَلۡأٓخِرَةُ خَيۡرٞ لَّكَ مِنَ ٱلۡأُولَىٰ

Nokorε sε, Daakye no yε ma wo kyεn seesei. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 93

وَلَسَوۡفَ يُعۡطِيكَ رَبُّكَ فَتَرۡضَىٰٓ

Na wo Wura Nyankopͻn bεkyε wo akyεdeε a, w’ani bεgye ho. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 93

أَلَمۡ يَجِدۡكَ يَتِيمٗا فَـَٔاوَىٰ

Wanya wo sε na wo yε agyanka, εna Ɔmaa wo tenaberε? info
التفاسير:

external-link copy
7 : 93

وَوَجَدَكَ ضَآلّٗا فَهَدَىٰ

Ɛna Ɔnyaa wo sε worehwehwε kwan tenenee no, εna Ɔkyerεε wo kwan? info
التفاسير:

external-link copy
8 : 93

وَوَجَدَكَ عَآئِلٗا فَأَغۡنَىٰ

Ɛna Onyaa wo sε ahia woͻ, εna Ɔmaa wonyaa wo ho? info
التفاسير:

external-link copy
9 : 93

فَأَمَّا ٱلۡيَتِيمَ فَلَا تَقۡهَرۡ

Enti awisiaa deε εnhyε no so. info
التفاسير:

external-link copy
10 : 93

وَأَمَّا ٱلسَّآئِلَ فَلَا تَنۡهَرۡ

Na ͻsrεsrεfoͻ (anaa) obisafoͻ nso εnka n’anim (anaa) εmpamo no, info
التفاسير:

external-link copy
11 : 93

وَأَمَّا بِنِعۡمَةِ رَبِّكَ فَحَدِّثۡ

Na mmom wo Wura Nyankopͻn adom no na bͻ ho dawuro. info
التفاسير: