আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল

At-Tagaabun

external-link copy
1 : 64

يُسَبِّحُ لِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۖ لَهُ ٱلۡمُلۡكُ وَلَهُ ٱلۡحَمۡدُۖ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٌ

Deε εwͻ soro ne deε a εwͻ asaase so nyinaa bͻ Nyankopͻn abodin. Ɔno na Ahennie no wͻ no, na Ɔno na aseda ne nkamfoͻ wͻ no; Ɔno na ͻwͻ biribiara so tumi. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 64

هُوَ ٱلَّذِي خَلَقَكُمۡ فَمِنكُمۡ كَافِرٞ وَمِنكُم مُّؤۡمِنٞۚ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرٌ

Ɔno na Ɔbͻͻ mo, εna mo mu bi yε agyidiefoͻ, εna mo mu bi nso yε (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ. Onyankopͻn deε Ohu deε moyε nyinaa. info
التفاسير:

external-link copy
3 : 64

خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ بِٱلۡحَقِّ وَصَوَّرَكُمۡ فَأَحۡسَنَ صُوَرَكُمۡۖ وَإِلَيۡهِ ٱلۡمَصِيرُ

Nokorε na Ɔde bͻͻ soro ne asaase; εna Ɔnwenee mo, na Ɔnwenee mo yie. Ne hͻ ne monkyi. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 64

يَعۡلَمُ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَيَعۡلَمُ مَا تُسِرُّونَ وَمَا تُعۡلِنُونَۚ وَٱللَّهُ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ

Ɔnim deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa), εna Ɔnim deε mode suma ne deε moda no adie. Nyankopͻn na Ɔnim deε εwͻ akoma mu (nyinaa). info
التفاسير:

external-link copy
5 : 64

أَلَمۡ يَأۡتِكُمۡ نَبَؤُاْ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِن قَبۡلُ فَذَاقُواْ وَبَالَ أَمۡرِهِمۡ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ

Wͻn a wͻdii kan no a wͻfaa nokorԑ no atorᴐsԑm no ho asεm no mmaa mo hͻ? Wͻkaa wͻn dwumadie so aba hwεe, na wͻn wͻ asotwee a εyε ya paa. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 64

ذَٰلِكَ بِأَنَّهُۥ كَانَت تَّأۡتِيهِمۡ رُسُلُهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَقَالُوٓاْ أَبَشَرٞ يَهۡدُونَنَا فَكَفَرُواْ وَتَوَلَّواْۖ وَّٱسۡتَغۡنَى ٱللَّهُۚ وَٱللَّهُ غَنِيٌّ حَمِيدٞ

Deε ԑnam so maa no baa saa ne sԑ, wͻn Asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn, nanso asεm a wͻkaeε ne sε: “Nnipa na wͻrebεkyerε yεn kwan?” Enti wͻpooe, na wͻdanee wͻn ho (firi nokorε no ho), Onyankopͻn deε Ɔnhia (wͻn). Nyankopͻn ne Ͻdefoᴐ, Ɔne Ayeyie Hene no. info
التفاسير:

external-link copy
7 : 64

زَعَمَ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ أَن لَّن يُبۡعَثُواْۚ قُلۡ بَلَىٰ وَرَبِّي لَتُبۡعَثُنَّ ثُمَّ لَتُنَبَّؤُنَّ بِمَا عَمِلۡتُمۡۚ وَذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرٞ

Wͻn a wͻpo nokorԑ no adwen yε wͻn sε yɛnnyane wͻn (wͻ wͻn wuo no akyi). Ka sε: Aane, mede Me Wura Nyankopͻn di nse sε, nokorε sε yεbɛnyane mo, na afei yɛabͻ mo dwuma a modiiε no ho amaneε. Ԑno yε adeε a εyε mmrε koraa ma Nyankopͻn. info
التفاسير:

external-link copy
8 : 64

فَـَٔامِنُواْ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ وَٱلنُّورِ ٱلَّذِيٓ أَنزَلۡنَاۚ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ خَبِيرٞ

Enti monye Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no, ne Nhyerεnee a Yɛasiane aba no ni. Onyankopͻn ne dwuma a modie no nyinaa ho amane bͻ Wura. info
التفاسير:

external-link copy
9 : 64

يَوۡمَ يَجۡمَعُكُمۡ لِيَوۡمِ ٱلۡجَمۡعِۖ ذَٰلِكَ يَوۡمُ ٱلتَّغَابُنِۗ وَمَن يُؤۡمِنۢ بِٱللَّهِ وَيَعۡمَلۡ صَٰلِحٗا يُكَفِّرۡ عَنۡهُ سَيِّـَٔاتِهِۦ وَيُدۡخِلۡهُ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَآ أَبَدٗاۚ ذَٰلِكَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ

Ɛda a Ɔbεboa moano ama Nhyiamu Da no, saa Da no ne Adehwerε ne mfasoͻ da no. Obi a ͻbεgye Nyankopͻn adie na ͻbɛdi dwuma pa no, yεbεpepa ne bͻne afri ne so, na yεde no akͻ Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, wͻbεtena mu afe bͻͻ. Woi ne nkonimdie kεseε no. info
التفاسير:

external-link copy
10 : 64

وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَكَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَآ أُوْلَٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِ خَٰلِدِينَ فِيهَاۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمَصِيرُ

Wɔn a wɔnnye nnie na wͻfa Yε nsεm no atorͻsεm no nso, saa nkorͻfoͻ no ne egya no mu foͻ no, emu na wͻbεtena; nkyi bͻne paa ne hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
11 : 64

مَآ أَصَابَ مِن مُّصِيبَةٍ إِلَّا بِإِذۡنِ ٱللَّهِۗ وَمَن يُؤۡمِنۢ بِٱللَّهِ يَهۡدِ قَلۡبَهُۥۚ وَٱللَّهُ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٞ

Mmusuo biara a εbesie no na Nyankopͻn ama ho kwan. Obiara a ͻbεgye Nyankopͻn adie no Ɔtene n’akoma. Onyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
12 : 64

وَأَطِيعُواْ ٱللَّهَ وَأَطِيعُواْ ٱلرَّسُولَۚ فَإِن تَوَلَّيۡتُمۡ فَإِنَّمَا عَلَىٰ رَسُولِنَا ٱلۡبَلَٰغُ ٱلۡمُبِينُ

Monyε sotie ma Nyankopͻn, na monyε sotie nso ma Ɔsomafoͻ no; na mmom sε modane mo ho (firi nokorε no ho a), Y’asomafoͻ no asεdeε ara ne sε wͻbεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu. info
التفاسير:

external-link copy
13 : 64

ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۚ وَعَلَى ٱللَّهِ فَلۡيَتَوَكَّلِ ٱلۡمُؤۡمِنُونَ

Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno. Onyankopͻn na agyidiefoͻ no mfa wͻn ho nto Ne soͻ. info
التفاسير:

external-link copy
14 : 64

يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِنَّ مِنۡ أَزۡوَٰجِكُمۡ وَأَوۡلَٰدِكُمۡ عَدُوّٗا لَّكُمۡ فَٱحۡذَرُوهُمۡۚ وَإِن تَعۡفُواْ وَتَصۡفَحُواْ وَتَغۡفِرُواْ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٌ

Mo a moagye adie, nokorε sε mo yerenom ne mo mmanom no mu bi yε moatamfoͻ, enti monyε wͻn ho ahwεyie. Sε mode mfomsoͻ fri, na moyi moani fri so, na mode bͻne kyε a, nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene. info
التفاسير:

external-link copy
15 : 64

إِنَّمَآ أَمۡوَٰلُكُمۡ وَأَوۡلَٰدُكُمۡ فِتۡنَةٞۚ وَٱللَّهُ عِندَهُۥٓ أَجۡرٌ عَظِيمٞ

Mo agyapadeε ne mo mma yε nsͻhwε ma mo, na Nyankopͻn hͻ na akatua kεseε paa wͻ. info
التفاسير:

external-link copy
16 : 64

فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ مَا ٱسۡتَطَعۡتُمۡ وَٱسۡمَعُواْ وَأَطِيعُواْ وَأَنفِقُواْ خَيۡرٗا لِّأَنفُسِكُمۡۗ وَمَن يُوقَ شُحَّ نَفۡسِهِۦ فَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُفۡلِحُونَ

Enti monsuro Nyankopͻn sεdeε mobɛtumi, na montie, na moni so, na monyε tema, na εbεyε ama mo kraa. Obia yεbεgye no afri ne kraa adefodepε mu no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
17 : 64

إِن تُقۡرِضُواْ ٱللَّهَ قَرۡضًا حَسَنٗا يُضَٰعِفۡهُ لَكُمۡ وَيَغۡفِرۡ لَكُمۡۚ وَٱللَّهُ شَكُورٌ حَلِيمٌ

Sε mobͻ Nyankopͻn bosea papa a Ɔde bεbͻ ho ama mo, na Ɔde mo bͻne akyε mo. Onyankopͻn ne Aseda Wura, Ɔne Ntooboaseε Hene. info
التفاسير:

external-link copy
18 : 64

عَٰلِمُ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ

Kokoam ne Badwam Nimdefoͻ no, Otumfoͻ no a Ɔtumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no. info
التفاسير: