আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল

পৃষ্ঠা নং:close

external-link copy
4 : 59

ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ شَآقُّواْ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥۖ وَمَن يُشَآقِّ ٱللَّهَ فَإِنَّ ٱللَّهَ شَدِيدُ ٱلۡعِقَابِ

Efrisε wͻko tia Nyankopͻn ne Ne somafoͻ, na obia ͻko tia Nyankopͻn no deε, nokorε sε Nyankopͻn asotwee ano yε den paa. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 59

مَا قَطَعۡتُم مِّن لِّينَةٍ أَوۡ تَرَكۡتُمُوهَا قَآئِمَةً عَلَىٰٓ أُصُولِهَا فَبِإِذۡنِ ٱللَّهِ وَلِيُخۡزِيَ ٱلۡفَٰسِقِينَ

Akyiresua dua biara a motwa tweneeε anaasε mogyae maa no gyinaa ne nhini soͻ no, na εyε Nyankopͻn akwamma mu, sεdeε Ɔbɛgu abͻneεfoͻ no anim aseε. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 59

وَمَآ أَفَآءَ ٱللَّهُ عَلَىٰ رَسُولِهِۦ مِنۡهُمۡ فَمَآ أَوۡجَفۡتُمۡ عَلَيۡهِ مِنۡ خَيۡلٖ وَلَا رِكَابٖ وَلَٰكِنَّ ٱللَّهَ يُسَلِّطُ رُسُلَهُۥ عَلَىٰ مَن يَشَآءُۚ وَٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ

Asadeε biara a efri wͻn hͻ a Nyankopͻn de maa Ne somafoͻ no, moantena pͻnkͻ so anaa yoma so; na mmom Nyankopͻn de tumi ma N’asomafoͻ no de ko tia obia Ɔpε. Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi. info
التفاسير:

external-link copy
7 : 59

مَّآ أَفَآءَ ٱللَّهُ عَلَىٰ رَسُولِهِۦ مِنۡ أَهۡلِ ٱلۡقُرَىٰ فَلِلَّهِ وَلِلرَّسُولِ وَلِذِي ٱلۡقُرۡبَىٰ وَٱلۡيَتَٰمَىٰ وَٱلۡمَسَٰكِينِ وَٱبۡنِ ٱلسَّبِيلِ كَيۡ لَا يَكُونَ دُولَةَۢ بَيۡنَ ٱلۡأَغۡنِيَآءِ مِنكُمۡۚ وَمَآ ءَاتَىٰكُمُ ٱلرَّسُولُ فَخُذُوهُ وَمَا نَهَىٰكُمۡ عَنۡهُ فَٱنتَهُواْۚ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَۖ إِنَّ ٱللَّهَ شَدِيدُ ٱلۡعِقَابِ

Asadeε biara a efri nkuro no mufoͻ no hͻ a Nyankopͻn de maa Ne somafoͻ no, εwͻ Nyankopͻn ne Ne somafoͻ ne abusua ne nyanka ne ahiafoͻ ne akwantufoͻ, sεdeε εnkͻba sε ɛbɛdi akͻneaba wͻ mo mu adefoͻ no nko ara ntεm. Deε Ɔsomafoͻ no de ama mo no monye, na deε wabra mo no nso montwe mo ho mfiri ho; na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn asotwe no ano yε den paa. info
التفاسير:

external-link copy
8 : 59

لِلۡفُقَرَآءِ ٱلۡمُهَٰجِرِينَ ٱلَّذِينَ أُخۡرِجُواْ مِن دِيَٰرِهِمۡ وَأَمۡوَٰلِهِمۡ يَبۡتَغُونَ فَضۡلٗا مِّنَ ٱللَّهِ وَرِضۡوَٰنٗا وَيَنصُرُونَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥٓۚ أُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلصَّٰدِقُونَ

(Asadeε no mu kyεfa nso) wͻ amantufoͻ ahiafoͻ no a yatu wͻn afri wͻn afie na (wͻn ahwere) wͻn agyapadeε na wͻrehwehwε Nyankopͻn adom ne Ne nnyetumu, na wͻreboa Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no. Saa nkorͻfoͻ no ne nokwafoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
9 : 59

وَٱلَّذِينَ تَبَوَّءُو ٱلدَّارَ وَٱلۡإِيمَٰنَ مِن قَبۡلِهِمۡ يُحِبُّونَ مَنۡ هَاجَرَ إِلَيۡهِمۡ وَلَا يَجِدُونَ فِي صُدُورِهِمۡ حَاجَةٗ مِّمَّآ أُوتُواْ وَيُؤۡثِرُونَ عَلَىٰٓ أَنفُسِهِمۡ وَلَوۡ كَانَ بِهِمۡ خَصَاصَةٞۚ وَمَن يُوقَ شُحَّ نَفۡسِهِۦ فَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُفۡلِحُونَ

Ɛna (asadeε no mu kyεfa bi nso wͻ Ansoaarfoͻ) no a wͻdii (amantufoͻ no) anim kan tenaa kuro no mu a wͻasͻ gyidie no mu no; wͻdͻ wͻn a wͻatu amantuo abεsoε wͻn no, na ahoͻyaa biara nni wͻn (Ansoaarfoͻ no) akoma mu fa deε yεde ama (amantufoͻ) no ho, na sε (Ansoaarfoͻ no) ho kyere wͻn mpo a wͻpε ma (amantufoͻ no) mpo kyεn wͻn ara wͻn ho. Obia yεbεbͻ ne ho ban afiri adefodepε ho no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no. info
التفاسير: