আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল

Sabai

external-link copy
1 : 34

ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ ٱلَّذِي لَهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَهُ ٱلۡحَمۡدُ فِي ٱلۡأٓخِرَةِۚ وَهُوَ ٱلۡحَكِيمُ ٱلۡخَبِيرُ

Aseda wͻ Nyankopͻn no a deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa yε Ne dea no; aseda no san wͻ no wͻ Daakye no nso. Ɔne Onyansafoͻ no, Ɔne biribiara ho Amanebͻ Wura no. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 34

يَعۡلَمُ مَا يَلِجُ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَمَا يَخۡرُجُ مِنۡهَا وَمَا يَنزِلُ مِنَ ٱلسَّمَآءِ وَمَا يَعۡرُجُ فِيهَاۚ وَهُوَ ٱلرَّحِيمُ ٱلۡغَفُورُ

Onim deε εkͻ asaase mu, ne deε epue firi mu, ne deε esane firi soro ne deε εforo kͻ hͻ, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no, Bͻnefakyε Wura no. info
التفاسير:

external-link copy
3 : 34

وَقَالَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَا تَأۡتِينَا ٱلسَّاعَةُۖ قُلۡ بَلَىٰ وَرَبِّي لَتَأۡتِيَنَّكُمۡ عَٰلِمِ ٱلۡغَيۡبِۖ لَا يَعۡزُبُ عَنۡهُ مِثۡقَالُ ذَرَّةٖ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَلَا فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَآ أَصۡغَرُ مِن ذَٰلِكَ وَلَآ أَكۡبَرُ إِلَّا فِي كِتَٰبٖ مُّبِينٖ

Boniayεfoͻ no ka sε: “Dͻnhwere no mma yεn so biara”. Kasε: ‘’Aane, Mede me Wura, Ahuntasεm mu Nimdefoͻ no di nse sε, εbεba mo so. Deε emu duro ketekete tesε aboboaa a (onipa) ani ntumi nhunu wͻ soro anaasε asaase so anaasε deε esua kyεn saa anaasε deε εso kyεn saa mpa ne ho, na mmom (nenyinaa) wͻ Nwoma pefee no mu. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 34

لِّيَجۡزِيَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِۚ أُوْلَٰٓئِكَ لَهُم مَّغۡفِرَةٞ وَرِزۡقٞ كَرِيمٞ

Sεdeε Ɔbɛtua wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no ka. Saa nkorͻfoͻ no wͻ bͻnefakyε ne akyεdeε a animuonyam wͻ mu. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 34

وَٱلَّذِينَ سَعَوۡ فِيٓ ءَايَٰتِنَا مُعَٰجِزِينَ أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ عَذَابٞ مِّن رِّجۡزٍ أَلِيمٞ

Wͻn a wͻbͻ mmͻden kotia Yεn Nsεm no sԑdeԑ ԑbԑyԑ kwa no bɛnya asotwee akatua a εyε ya paa. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 34

وَيَرَى ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡعِلۡمَ ٱلَّذِيٓ أُنزِلَ إِلَيۡكَ مِن رَّبِّكَ هُوَ ٱلۡحَقَّ وَيَهۡدِيٓ إِلَىٰ صِرَٰطِ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡحَمِيدِ

Wͻn a yɛama wͻn nimdeε no hunu sε deε yɛasane afiri wo Wura Nyankopͻn hͻ abrε woͻ no ne Nokorε no, na εkyerε kwan kͻ Otumfoͻ Ayeyie Wura no kwan no so. info
التفاسير:

external-link copy
7 : 34

وَقَالَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ هَلۡ نَدُلُّكُمۡ عَلَىٰ رَجُلٖ يُنَبِّئُكُمۡ إِذَا مُزِّقۡتُمۡ كُلَّ مُمَزَّقٍ إِنَّكُمۡ لَفِي خَلۡقٖ جَدِيدٍ

Wͻn a wͻyi boniayε no ka sε: “Yεnkyerε mo onipa bi a ͻreka kyerε mo sε, sε (mowu na) mo mu tete pasapasa a, nokorε sε mobεsan ayε abͻdeε foforͻ? info
التفاسير: