আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল

An-Nuur

external-link copy
1 : 24

سُورَةٌ أَنزَلۡنَٰهَا وَفَرَضۡنَٰهَا وَأَنزَلۡنَا فِيهَآ ءَايَٰتِۭ بَيِّنَٰتٖ لَّعَلَّكُمۡ تَذَكَّرُونَ

(Woi yε) Suura a Yɛasiane, ayε (emu nsԑm) no nhyε, εna Yɛasiane nsɛm pefee wͻ mu sεdeε mobεkaekaeɛ anaa mode bɛtu mo ho foᴐ. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 24

ٱلزَّانِيَةُ وَٱلزَّانِي فَٱجۡلِدُواْ كُلَّ وَٰحِدٖ مِّنۡهُمَا مِاْئَةَ جَلۡدَةٖۖ وَلَا تَأۡخُذۡكُم بِهِمَا رَأۡفَةٞ فِي دِينِ ٱللَّهِ إِن كُنتُمۡ تُؤۡمِنُونَ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِۖ وَلۡيَشۡهَدۡ عَذَابَهُمَا طَآئِفَةٞ مِّنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ

Adwamammͻni baa ne adwamammͻni barima montwa wͻn mu koro biara mmaa ͻha. Na momma mmͻbͻ a wͻyε no ntwe mo sε (mobεyε sotie) ama mmra a Nyankopͻn ahyehyε; sε mogye Nyankopͻn ne Ɛda a etwa toͻ no di ampa a. Moma agyidiefoͻ no mu fekuo bi medi wͻn asotwee no ho adanseε. info
التفاسير:

external-link copy
3 : 24

ٱلزَّانِي لَا يَنكِحُ إِلَّا زَانِيَةً أَوۡ مُشۡرِكَةٗ وَٱلزَّانِيَةُ لَا يَنكِحُهَآ إِلَّا زَانٍ أَوۡ مُشۡرِكٞۚ وَحُرِّمَ ذَٰلِكَ عَلَى ٱلۡمُؤۡمِنِينَ

Adwamammͻni barima nni ho kwan sԑ ᴐwareԑ, gyesԑ adwamammͻni baa, anaasε ͻbosomsomni baa; adwamammͻni baa nso nni ho kwan sԑ yԑware no, gyesԑ adwamammͻni barima anaasε ͻbosomsomni barima; yɛabra agyidiefoͻ saa (awadeε no). info
التفاسير:

external-link copy
4 : 24

وَٱلَّذِينَ يَرۡمُونَ ٱلۡمُحۡصَنَٰتِ ثُمَّ لَمۡ يَأۡتُواْ بِأَرۡبَعَةِ شُهَدَآءَ فَٱجۡلِدُوهُمۡ ثَمَٰنِينَ جَلۡدَةٗ وَلَا تَقۡبَلُواْ لَهُمۡ شَهَٰدَةً أَبَدٗاۚ وَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡفَٰسِقُونَ

Wͻn a wͻde asεm to mmaa a wͻdi wͻn ho nni no so de gu wͻn ho fi, na wͻamfa adansefoͻ nnan amma no, montwa wͻn mmaa aduͻwͻtwe, na monnye wͻn adansedie ntum da. Saa nkorͻfoͻ no ne abͻneεfoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 24

إِلَّا ٱلَّذِينَ تَابُواْ مِنۢ بَعۡدِ ذَٰلِكَ وَأَصۡلَحُواْ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٞ

Gyesε wͻn a εno akyiri no wͻsakra wͻn adwen na wͻdi dwuma pa, εneε nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 24

وَٱلَّذِينَ يَرۡمُونَ أَزۡوَٰجَهُمۡ وَلَمۡ يَكُن لَّهُمۡ شُهَدَآءُ إِلَّآ أَنفُسُهُمۡ فَشَهَٰدَةُ أَحَدِهِمۡ أَرۡبَعُ شَهَٰدَٰتِۭ بِٱللَّهِ إِنَّهُۥ لَمِنَ ٱلصَّٰدِقِينَ

Wͻn nso a wͻde adwamammͻ ho kwaadu bͻ wͻn ayerenom na adansefoͻ biara nka wͻn ho, na mmom wͻn nko ara na (wͻhunuuiε) no, wͻn mu biara de Nyankopͻn bɛdi nse mprε nnan sε ͻka nokorεfoͻ no ho. info
التفاسير:

external-link copy
7 : 24

وَٱلۡخَٰمِسَةُ أَنَّ لَعۡنَتَ ٱللَّهِ عَلَيۡهِ إِن كَانَ مِنَ ٱلۡكَٰذِبِينَ

(Nsedie a) εtͻso nnum no (na waka) sε: “Nyankopͻn nnomee nka no, sε ͻka nkontompofoͻ no ho a”. info
التفاسير:

external-link copy
8 : 24

وَيَدۡرَؤُاْ عَنۡهَا ٱلۡعَذَابَ أَن تَشۡهَدَ أَرۡبَعَ شَهَٰدَٰتِۭ بِٱللَّهِ إِنَّهُۥ لَمِنَ ٱلۡكَٰذِبِينَ

(Adwamammͻ ho) asotwee no bɛfri (ͻbaa) no so, sε ͻde Nyankopͻn di nse mprε nnan sε (ͻbarima no) ka nkontompofoͻ no ho a. info
التفاسير:

external-link copy
9 : 24

وَٱلۡخَٰمِسَةَ أَنَّ غَضَبَ ٱللَّهِ عَلَيۡهَآ إِن كَانَ مِنَ ٱلصَّٰدِقِينَ

(Nsedie a) εtͻso nnum no (na waka) sε: “Sε ͻbarima no ka nokorεfoͻ no ho a, Nyankopͻn abufuo mmra ͻno (ͻbaa) no so. info
التفاسير:

external-link copy
10 : 24

وَلَوۡلَا فَضۡلُ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡ وَرَحۡمَتُهُۥ وَأَنَّ ٱللَّهَ تَوَّابٌ حَكِيمٌ

Sε anka εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummͻborͻ na εwͻ mo so a; nokorε sε Nyankopͻn na Otie adwen sakra na Ɔne Onyansafoͻ. info
التفاسير: