আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল

Huud

external-link copy
1 : 11

الٓرۚ كِتَٰبٌ أُحۡكِمَتۡ ءَايَٰتُهُۥ ثُمَّ فُصِّلَتۡ مِن لَّدُنۡ حَكِيمٍ خَبِيرٍ

Alif - Laam - Raa. (Woi yε) Nwoma a emu nsεm no sipi wᴐ nimdeԑ mu, afei yɛakyerεkyerε mu pefee; efri (Otumfoͻ) Nyansafoͻ , Amane bͻ Wura no hͻ (sε): info
التفاسير:

external-link copy
2 : 11

أَلَّا تَعۡبُدُوٓاْ إِلَّا ٱللَّهَۚ إِنَّنِي لَكُم مِّنۡهُ نَذِيرٞ وَبَشِيرٞ

Monhwε na moansom (obiara) gyesε Onyankopͻn (nko ara). Nokorε sε, meyε kͻkͻbͻ ne anigyesԑm (ho somafoͻ) a me fri Ne hͻ ma mo:- info
التفاسير:

external-link copy
3 : 11

وَأَنِ ٱسۡتَغۡفِرُواْ رَبَّكُمۡ ثُمَّ تُوبُوٓاْ إِلَيۡهِ يُمَتِّعۡكُم مَّتَٰعًا حَسَنًا إِلَىٰٓ أَجَلٖ مُّسَمّٗى وَيُؤۡتِ كُلَّ ذِي فَضۡلٖ فَضۡلَهُۥۖ وَإِن تَوَلَّوۡاْ فَإِنِّيٓ أَخَافُ عَلَيۡكُمۡ عَذَابَ يَوۡمٖ كَبِيرٍ

‘’Monsrε mo Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra mo adwen nkͻ Ne hͻ, na Ɔbεma mo atena asetena pa akosi εberε a yɛahyehyε ato hͻ (ama mo), na Ɔde N’adom no ama obi a ͻwͻ adom. Na mmom sε modane mo ho (fri Nokorԑ no ho) a, εneε medeε mesuro Da kεseε no asotwee no ma mo “. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 11

إِلَى ٱللَّهِ مَرۡجِعُكُمۡۖ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٌ

Onyankopͻn hͻ na εyε monkyi, Ɔno na Ɔwͻ biribiara so tumi: info
التفاسير:

external-link copy
5 : 11

أَلَآ إِنَّهُمۡ يَثۡنُونَ صُدُورَهُمۡ لِيَسۡتَخۡفُواْ مِنۡهُۚ أَلَا حِينَ يَسۡتَغۡشُونَ ثِيَابَهُمۡ يَعۡلَمُ مَا يُسِرُّونَ وَمَا يُعۡلِنُونَۚ إِنَّهُۥ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ

Nokorε sε, wͻkata wͻn akoma so de (ͻtan) suma. Nokorε sε, εberε a wͻde wͻn ntoma akata wͻn ho no mpo Onim deε wͻde suma ne deε wͻda no adie (nyinaa). Nokorε sε Ɔno ne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ no. info
التفاسير: