আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল

পৃষ্ঠা নং:close

external-link copy
43 : 10

وَمِنۡهُم مَّن يَنظُرُ إِلَيۡكَۚ أَفَأَنتَ تَهۡدِي ٱلۡعُمۡيَ وَلَوۡ كَانُواْ لَا يُبۡصِرُونَ

Wͻn mu bi wͻ hͻ a wͻhwε woͻ. Enti wobɛtumi akyerε onifrani kwan, sε wͻnhunu adeε mpo a? info
التفاسير:

external-link copy
44 : 10

إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَظۡلِمُ ٱلنَّاسَ شَيۡـٔٗا وَلَٰكِنَّ ٱلنَّاسَ أَنفُسَهُمۡ يَظۡلِمُونَ

Nokorε sε, Nyankopͻn nsisi nnipa wͻ hwee ho, na mmom nnipa no ara na wͻsisi wͻn ho. info
التفاسير:

external-link copy
45 : 10

وَيَوۡمَ يَحۡشُرُهُمۡ كَأَن لَّمۡ يَلۡبَثُوٓاْ إِلَّا سَاعَةٗ مِّنَ ٱلنَّهَارِ يَتَعَارَفُونَ بَيۡنَهُمۡۚ قَدۡ خَسِرَ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِلِقَآءِ ٱللَّهِ وَمَا كَانُواْ مُهۡتَدِينَ

Ɛda a Ɔbεboa wͻn ano no εbεyε wͻn sε wͻntenaa (wiase anaa adakamena mu) da, na mmom (sε watena mu mpo a εyε) adekyeε mu dͻnhwere (tiaa) bi; na wͻbɛhu wͻn ho wͻn ho. Nokorε wͻn a wͻbuu Nyankopͻn Nhyiamu (Da) no sε atorͻsεm no aberε agu, na wͻnyε atenenefoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
46 : 10

وَإِمَّا نُرِيَنَّكَ بَعۡضَ ٱلَّذِي نَعِدُهُمۡ أَوۡ نَتَوَفَّيَنَّكَ فَإِلَيۡنَا مَرۡجِعُهُمۡ ثُمَّ ٱللَّهُ شَهِيدٌ عَلَىٰ مَا يَفۡعَلُونَ

Sε Yεbɛyi deε Yɛahyε wͻn ho bͻ no mu bi akyerε wo (wͻ wo nkwa nna mu), anaasε Yεbεma wo awuo (ansa), Yεn hͻ ne wͻn nyinaa nkyi, na Onyankopͻn ne dwuma a wͻdie no ho Danseni. info
التفاسير:

external-link copy
47 : 10

وَلِكُلِّ أُمَّةٖ رَّسُولٞۖ فَإِذَا جَآءَ رَسُولُهُمۡ قُضِيَ بَيۡنَهُم بِٱلۡقِسۡطِ وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ

Ɔman biara wͻ ͻsomafoͻ. Enti sε wͻn somafoͻ no ba (wͻ Atemmuda) a, yεbɛbu wͻn ntam atεn pεpεεpε na yɛnsisi wͻn. info
التفاسير:

external-link copy
48 : 10

وَيَقُولُونَ مَتَىٰ هَٰذَا ٱلۡوَعۡدُ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ

Deԑ wͻka ne sε: “Ɛberε bεn na saa bͻhyε no (bɛsie), sε moyε nokwafoͻ ampa a?” info
التفاسير:

external-link copy
49 : 10

قُل لَّآ أَمۡلِكُ لِنَفۡسِي ضَرّٗا وَلَا نَفۡعًا إِلَّا مَا شَآءَ ٱللَّهُۗ لِكُلِّ أُمَّةٍ أَجَلٌۚ إِذَا جَآءَ أَجَلُهُمۡ فَلَا يَسۡتَـٔۡخِرُونَ سَاعَةٗ وَلَا يَسۡتَقۡدِمُونَ

Ka sε: “Menni deε εma me ͻhaw anaasε mfasoͻ ho tumi, gyesε deε Onyankopͻn pε. Ɔman biara wͻ εberε (a yɛahyehyε ama no), sε wͻn berε no so a, εnka akyi dͻnhwere baako, εna εnkͻ n’anim nso (dͻnhwere baako) info
التفاسير:

external-link copy
50 : 10

قُلۡ أَرَءَيۡتُمۡ إِنۡ أَتَىٰكُمۡ عَذَابُهُۥ بَيَٰتًا أَوۡ نَهَارٗا مَّاذَا يَسۡتَعۡجِلُ مِنۡهُ ٱلۡمُجۡرِمُونَ

Ka sε: “Moahunu, sε N’asotwee no ba mo so adekyeε (berɛ mu) anaasε anadwo (berɛ mu) a, emu deε εwͻ hen na abͻneεfoͻ no repre ho no?” info
التفاسير:

external-link copy
51 : 10

أَثُمَّ إِذَا مَا وَقَعَ ءَامَنتُم بِهِۦٓۚ ءَآلۡـَٰٔنَ وَقَدۡ كُنتُم بِهِۦ تَسۡتَعۡجِلُونَ

Anaasε esi wie a na mobεgye adie? Seesei; (afei na moagye adie?) Ampa sε na morepε no ntεm. info
التفاسير:

external-link copy
52 : 10

ثُمَّ قِيلَ لِلَّذِينَ ظَلَمُواْ ذُوقُواْ عَذَابَ ٱلۡخُلۡدِ هَلۡ تُجۡزَوۡنَ إِلَّا بِمَا كُنتُمۡ تَكۡسِبُونَ

Afei yεbεka akyerε wͻn a wͻyεε bͻne no sε: “Monka afe bͻͻ asotwee no nhwε; dwuma a modiiε no so akatua na yεde atua moka. info
التفاسير:

external-link copy
53 : 10

۞ وَيَسۡتَنۢبِـُٔونَكَ أَحَقٌّ هُوَۖ قُلۡ إِي وَرَبِّيٓ إِنَّهُۥ لَحَقّٞۖ وَمَآ أَنتُم بِمُعۡجِزِينَ

(Nkͻmhyεni), wͻrebisa wo sε: “Ɛno yε nokorε?“ Ka sε: Aane; Mede me Wura Nyankopͻn di nse sε, nokorε paa; na montumi nsi ho kwan”. info
التفاسير: